Native Bible

Psalms 31 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Listen to Nnwom 31
1Wo mu, Ao Awurade, na manya hintabea; mma mʼanim ngu ase; firi wo tenenee mu gye me. 2Yɛ aso ma me, bra ntɛm bɛgye me; yɛ me banbɔ botan, aban a mʼatamfoɔ nsa renka me. 3Sɛ woyɛ me botan ne mʼaban enti, wo din enti, di mʼanim na kyerɛ me ɛkwan. 4Gye me firi afidie a wɔasum me no mu, ɛfiri sɛ wo ne me dwanekɔbea. 5Wo nsam na mede me kra hyɛ; gye me bio, Ao Awurade, Onyankopɔn nokwafoɔ. 6Mekyiri wɔn a wɔsom abosom huhuo; mede me ho to Awurade so. 7Mʼani bɛgye na madi ahurisie wɔ wo dɔ mu, ɛfiri sɛ wohunu mʼamanehunu na wonim me kra mu haw. 8Woamfa me amma ɔtamfoɔ no mmom wode me nan asisi petee mu. 9Hu me mmɔbɔ, Ao Awurade, ɛfiri sɛ me ho yera me; awerɛhoɔ ama mʼani so ayɛ kusuu ɛyea ama me kra ne me honam ayɛ mmerɛ. 10Ateeteeɛ rete me nkwa so na abooboo te me mfeɛ so; ɔhaw enti mʼahoɔden kɔ fam na me nnompe nso ahodwo. 11Mʼatamfoɔ nyinaa enti, mayɛ ahohora wɔ me nnamfonom mu; nnipa a wɔnim me suro me, na wɔn a wɔhunu me mmɔntene so dwane. 12Obiara werɛ afiri me te sɛ deɛ mawuo; mayɛ sɛ kukuo a abɔ. 13Mete dodoɔ no nsekuro. Ahunahuna atwa me ho ahyia. Wɔrepam me tiri so na wɔbɔ pɔ sɛ wɔbɛkum me. 14Nanso, mede me ho ato wo so, Ao Awurade; meka sɛ, “Woyɛ me Onyankopɔn.” 15Me mmerɛ wɔ wo nsam gye me firi mʼatamfoɔ ne wɔn a wɔtaa me no nsam. 16Te wʼanim kyerɛ wo ɔsomfoɔ; gye me wɔ wo dɔ a ɛnsa da no mu. 17Mma mʼanim ngu ase, Ao Awurade, ɛfiri sɛ masu mafrɛ wo; mmom, ma amumuyɛfoɔ anim ngu ase na wɔnna wɔn damena mu komm. 18Mua atorofoɔ ano, ɛfiri sɛ wɔde ahantan ne anintiabuo kasa tia teneneefoɔ. 19Wo papayɛ dɔɔso, ɛno na woakora ama wɔn a wɔsuro woɔ no; ɛno na wode ma wɔn a wɔdwane toa woɔ no wɔ nnipa anim. 20Wode wɔn sie wʼanim banbɔ mu firi nnipa nsusuiɛ bɔne ho; wo tenabea hɔ na wode wɔn sie dwoodwoo firi tɛkrɛma a ɛbɔ soboɔ ho. 21Ayɛyi nka Awurade! Sɛ wayi ne dɔ nwanwasoɔ akyerɛ me ɛberɛ a na mewɔ kuropɔn a atamfoɔ atwa ho ahyia no mu. 22Mebɔɔ huboa no, mekaa sɛ: “Woayi wʼani me so!” Nanso wotee me mmɔborɔ su ɛberɛ a mekoto srɛɛ woɔ no. 23Monnɔ Awurade, mo a moyɛ nʼahotefoɔ nyinaa! Awurade kora wɔn a wodi nokorɛ so, na ahomasofoɔ deɛ ɔtua wɔn ka pɛpɛɛpɛ. 24Monhyɛ den na momma mo bo ntɔ mo yam, mo a mowɔ anidasoɔ wɔ Awurade mu nyinaa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.