Nnwom 31:3
Psalms 31:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ woyɛ me botan ne mʼaban enti, wo din enti, di mʼanim na kyerɛ me ɛkwan.
Psalms 31:3 in English
Psalms 31:3 · Berean Standard Bible
For You are my rock and my fortress; lead me and guide me for the sake of Your name.
Context
1Wo mu, Ao Awurade, na manya hintabea;
mma mʼanim ngu ase;
firi wo tenenee mu gye me. 2Yɛ aso ma me,
bra ntɛm bɛgye me;
yɛ me banbɔ botan,
aban a mʼatamfoɔ nsa renka me. 3Sɛ woyɛ me botan ne mʼaban enti,
wo din enti, di mʼanim na kyerɛ me ɛkwan. 4Gye me firi afidie a wɔasum me no mu,
ɛfiri sɛ wo ne me dwanekɔbea. 5Wo nsam na mede me kra hyɛ;
gye me bio, Ao Awurade, Onyankopɔn nokwafoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.