Nnwom 31:12
Psalms 31:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Obiara werɛ afiri me te sɛ deɛ mawuo; mayɛ sɛ kukuo a abɔ.
Psalms 31:12 in English
Psalms 31:12 · Berean Standard Bible
I am forgotten like a dead man, out of mind. I am like a broken vessel.
Context
10Ateeteeɛ rete me nkwa so
na abooboo te me mfeɛ so;
ɔhaw enti mʼahoɔden kɔ fam
na me nnompe nso ahodwo. 11Mʼatamfoɔ nyinaa enti,
mayɛ ahohora wɔ me nnamfonom mu;
nnipa a wɔnim me suro me,
na wɔn a wɔhunu me mmɔntene so dwane. 12Obiara werɛ afiri me te sɛ deɛ mawuo;
mayɛ sɛ kukuo a abɔ. 13Mete dodoɔ no nsekuro.
Ahunahuna atwa me ho ahyia.
Wɔrepam me tiri so
na wɔbɔ pɔ sɛ wɔbɛkum me. 14Nanso, mede me ho ato wo so, Ao Awurade;
meka sɛ, “Woyɛ me Onyankopɔn.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.