Nnwom 31:6
Psalms 31:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mekyiri wɔn a wɔsom abosom huhuo; mede me ho to Awurade so.
Psalms 31:6 in English
Psalms 31:6 · Berean Standard Bible
I hate * those who cling to worthless idols, but in the LORD I trust.
Context
4Gye me firi afidie a wɔasum me no mu,
ɛfiri sɛ wo ne me dwanekɔbea. 5Wo nsam na mede me kra hyɛ;
gye me bio, Ao Awurade, Onyankopɔn nokwafoɔ. 6Mekyiri wɔn a wɔsom abosom huhuo;
mede me ho to Awurade so. 7Mʼani bɛgye na madi ahurisie wɔ wo dɔ mu,
ɛfiri sɛ wohunu mʼamanehunu
na wonim me kra mu haw. 8Woamfa me amma ɔtamfoɔ no
mmom wode me nan asisi petee mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.