Native Bible

Psalms 31:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mebɔɔ huboa no, mekaa sɛ: “Woayi wʼani me so!” Nanso wotee me mmɔborɔ su ɛberɛ a mekoto srɛɛ woɔ no.

Psalms 31:22 in English

Psalms 31:22 · Berean Standard Bible

In my alarm I said, “I am cut off from Your sight!” But You heard my plea for mercy when I called to You for help.

Context

20Wode wɔn sie wʼanim banbɔ mu firi nnipa nsusuiɛ bɔne ho; wo tenabea hɔ na wode wɔn sie dwoodwoo firi tɛkrɛma a ɛbɔ soboɔ ho. 21Ayɛyi nka Awurade! Sɛ wayi ne dɔ nwanwasoɔ akyerɛ me ɛberɛ a na mewɔ kuropɔn a atamfoɔ atwa ho ahyia no mu. 22Mebɔɔ huboa no, mekaa sɛ: “Woayi wʼani me so!” Nanso wotee me mmɔborɔ su ɛberɛ a mekoto srɛɛ woɔ no. 23Monnɔ Awurade, mo a moyɛ nʼahotefoɔ nyinaa! Awurade kora wɔn a wodi nokorɛ so, na ahomasofoɔ deɛ ɔtua wɔn ka pɛpɛɛpɛ. 24Monhyɛ den na momma mo bo ntɔ mo yam, mo a mowɔ anidasoɔ wɔ Awurade mu nyinaa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.