Nnwom 31:21
Psalms 31:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ayɛyi nka Awurade! Sɛ wayi ne dɔ nwanwasoɔ akyerɛ me ɛberɛ a na mewɔ kuropɔn a atamfoɔ atwa ho ahyia no mu.
Psalms 31:21 in English
Psalms 31:21 · Berean Standard Bible
Blessed be the LORD, for He has shown me His loving devotion in a city under siege.
Context
19Wo papayɛ dɔɔso,
ɛno na woakora ama wɔn a wɔsuro woɔ no;
ɛno na wode ma wɔn a wɔdwane toa woɔ no
wɔ nnipa anim. 20Wode wɔn sie wʼanim banbɔ mu
firi nnipa nsusuiɛ bɔne ho;
wo tenabea hɔ na wode wɔn sie dwoodwoo
firi tɛkrɛma a ɛbɔ soboɔ ho. 21Ayɛyi nka Awurade!
Sɛ wayi ne dɔ nwanwasoɔ akyerɛ me
ɛberɛ a na mewɔ kuropɔn a atamfoɔ atwa ho ahyia no mu. 22Mebɔɔ huboa no, mekaa sɛ:
“Woayi wʼani me so!”
Nanso wotee me mmɔborɔ su
ɛberɛ a mekoto srɛɛ woɔ no. 23Monnɔ Awurade, mo a moyɛ nʼahotefoɔ nyinaa!
Awurade kora wɔn a wodi nokorɛ so,
na ahomasofoɔ deɛ ɔtua wɔn ka pɛpɛɛpɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.