Native Bible

Psalms 31:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wo papayɛ dɔɔso, ɛno na woakora ama wɔn a wɔsuro woɔ no; ɛno na wode ma wɔn a wɔdwane toa woɔ no wɔ nnipa anim.

Psalms 31:19 in English

Psalms 31:19 · Berean Standard Bible

How great is Your goodness which You have laid up for those who fear You, which You have bestowed before the sons of men on those who take refuge in You!

Context

17Mma mʼanim ngu ase, Ao Awurade, ɛfiri sɛ masu mafrɛ wo; mmom, ma amumuyɛfoɔ anim ngu ase na wɔnna wɔn damena mu komm. 18Mua atorofoɔ ano, ɛfiri sɛ wɔde ahantan ne anintiabuo kasa tia teneneefoɔ. 19Wo papayɛ dɔɔso, ɛno na woakora ama wɔn a wɔsuro woɔ no; ɛno na wode ma wɔn a wɔdwane toa woɔ no wɔ nnipa anim. 20Wode wɔn sie wʼanim banbɔ mu firi nnipa nsusuiɛ bɔne ho; wo tenabea hɔ na wode wɔn sie dwoodwoo firi tɛkrɛma a ɛbɔ soboɔ ho. 21Ayɛyi nka Awurade! Sɛ wayi ne dɔ nwanwasoɔ akyerɛ me ɛberɛ a na mewɔ kuropɔn a atamfoɔ atwa ho ahyia no mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.