Nnwom 31:17
Psalms 31:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mma mʼanim ngu ase, Ao Awurade, ɛfiri sɛ masu mafrɛ wo; mmom, ma amumuyɛfoɔ anim ngu ase na wɔnna wɔn damena mu komm.
Psalms 31:17 in English
Psalms 31:17 · Berean Standard Bible
O LORD, let me not be ashamed, for I have called on You. Let the wicked be put to shame; let them lie silent in Sheol.
Context
15Me mmerɛ wɔ wo nsam
gye me firi mʼatamfoɔ
ne wɔn a wɔtaa me no nsam. 16Te wʼanim kyerɛ wo ɔsomfoɔ;
gye me wɔ wo dɔ a ɛnsa da no mu. 17Mma mʼanim ngu ase, Ao Awurade,
ɛfiri sɛ masu mafrɛ wo;
mmom, ma amumuyɛfoɔ anim ngu ase
na wɔnna wɔn damena mu komm. 18Mua atorofoɔ ano,
ɛfiri sɛ wɔde ahantan ne anintiabuo
kasa tia teneneefoɔ. 19Wo papayɛ dɔɔso,
ɛno na woakora ama wɔn a wɔsuro woɔ no;
ɛno na wode ma wɔn a wɔdwane toa woɔ no
wɔ nnipa anim.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.