Nnwom 31:16
Psalms 31:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Te wʼanim kyerɛ wo ɔsomfoɔ; gye me wɔ wo dɔ a ɛnsa da no mu.
Psalms 31:16 in English
Psalms 31:16 · Berean Standard Bible
Make Your face shine on Your servant; save me by Your loving devotion.
Context
14Nanso, mede me ho ato wo so, Ao Awurade;
meka sɛ, “Woyɛ me Onyankopɔn.” 15Me mmerɛ wɔ wo nsam
gye me firi mʼatamfoɔ
ne wɔn a wɔtaa me no nsam. 16Te wʼanim kyerɛ wo ɔsomfoɔ;
gye me wɔ wo dɔ a ɛnsa da no mu. 17Mma mʼanim ngu ase, Ao Awurade,
ɛfiri sɛ masu mafrɛ wo;
mmom, ma amumuyɛfoɔ anim ngu ase
na wɔnna wɔn damena mu komm. 18Mua atorofoɔ ano,
ɛfiri sɛ wɔde ahantan ne anintiabuo
kasa tia teneneefoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.