Native Bible

Song of Songs 4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Listen to Nnwom Mu Dwom 4
1Wo ho yɛ fɛ, me dɔfoɔ! Ao, wo ho yɛ fɛ! Wʼaniwa a ɛhyehyɛ wo nkatanimu mu no te sɛ aborɔnoma. Wo nwi te sɛ mpapokuo a wɔresiane Gilead Bepɔ. 2Wo se te sɛ nnwankuo a wɔatwitwa wɔn ho nwi foforɔ, a wɔfiri adwareɛ. Wɔnam mmienu mmienu na wɔn mu biara nyɛ ankonam. 3Wʼanofafa te sɛ koogyan ahoma; wʼano yɛ fɛ. Wʼasontorɔ mu a ɛhyɛ wo nkatanimu mu te sɛ ateaa aduaba fa. 4Wo kɔn te sɛ Dawid abantenten, a wɔasi no fɛɛfɛ; na akokyɛm apem sensɛn ho, a ne nyinaa yɛ akofoɔ kyɛm. 5Wo nufu mmienu te sɛ atwe mma mmienu, atwe mma ntafoɔ a wɔdidi wɔ sukooko mu. 6Ɛnkɔ si sɛ adeɛ bɛkye, ama sunsum adwane no, mɛkɔ kurobo bepɔ ne aduhwam nkokoɔ no so. 7Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ papa; wo ho nni ɛdɛm biara. 8Ma yɛn mfiri Lebanon, mʼayeforɔ, wo ne me mfiri Lebanon nkɔ. Siane firi Amana atifi bra, firi Senir atifi, Hermon apampam hɔ, firi agyata buo mu ne mmepɔ a asebɔ dɛɛdɛɛ hɔ. 9Woagye mʼakoma abɔ so, me nuabaa, mʼayeforɔ; woagye mʼakoma abɔ so wode wʼani a ɛbɔɔ me soɔ, ne wo kɔnmuadeɛ mu ɔbohemaa baako. 10Wo dɔ yɛ ahomeka, me nuabaa, mʼayeforɔ! Hwɛ wo dɔ sɔ ani sene bobesa, na wʼaduhwam yɛ hwam sene pɛperɛ biara. 11Adɔdɔdeɛ firi wʼano sɛ ɛwokyɛm, mʼayeforɔ; nufosuo ne ɛwoɔ wɔ wo tɛkrɛma ase. Wo ntadeɛ mu hwa te sɛ Lebanon deɛ. 12Wote sɛ turo a wɔato ano ɛpono mu, me nuabaa, mʼayeforɔ; woyɛ asutire a wɔagye ho ban, asubura a wɔasɔ ano. 13Wo nnua yɛ nnuabafuo so ateaa a ɛso aba pa, ahuahaa ne nnuannua, 14nnuannua ne mmɛtire, osiko ne sinamon, a ohwamfufuo nnua hodoɔ, kurobo ne dupapoɔ ne pɛperɛ papa ahodoɔ nyinaa ka ho. 15Woyɛ turo mu asubura. Woyɛ ɔtadeɛ a nsuo tene firi mu sane firi Lebanon. 16Sɔre, atifi fam mframa! Bra, anafoɔ fam mframa!* Bɔ fa me turo mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ne hwa no bɛgyegye hɔ. Ma me dɔfoɔ mmra ne turo mu na ɔmmɛka ne nnuaba papa no nhwɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.