Native Bible

Song of Songs 4:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Woagye mʼakoma abɔ so, me nuabaa, mʼayeforɔ; woagye mʼakoma abɔ so wode wʼani a ɛbɔɔ me soɔ, ne wo kɔnmuadeɛ mu ɔbohemaa baako.

Song of Songs 4:9 in English

Song of Songs 4:9 · Berean Standard Bible

You have captured my heart, my sister, my bride; you have stolen my heart with one glance of your eyes, with one jewel of your neck.

Context

7Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ papa; wo ho nni ɛdɛm biara. 8Ma yɛn mfiri Lebanon, mʼayeforɔ, wo ne me mfiri Lebanon nkɔ. Siane firi Amana atifi bra, firi Senir atifi, Hermon apampam hɔ, firi agyata buo mu ne mmepɔ a asebɔ dɛɛdɛɛ hɔ. 9Woagye mʼakoma abɔ so, me nuabaa, mʼayeforɔ; woagye mʼakoma abɔ so wode wʼani a ɛbɔɔ me soɔ, ne wo kɔnmuadeɛ mu ɔbohemaa baako. 10Wo dɔ yɛ ahomeka, me nuabaa, mʼayeforɔ! Hwɛ wo dɔ sɔ ani sene bobesa, na wʼaduhwam yɛ hwam sene pɛperɛ biara. 11Adɔdɔdeɛ firi wʼano sɛ ɛwokyɛm, mʼayeforɔ; nufosuo ne ɛwoɔ wɔ wo tɛkrɛma ase. Wo ntadeɛ mu hwa te sɛ Lebanon deɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.