Nnwom Mu Dwom 4:7
Song of Songs 4:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ papa; wo ho nni ɛdɛm biara.
Song of Songs 4:7 in English
Song of Songs 4:7 · Berean Standard Bible
You are altogether beautiful, my darling; in you there is no flaw.
Context
5Wo nufu mmienu te sɛ atwe mma mmienu,
atwe mma ntafoɔ a
wɔdidi wɔ sukooko mu. 6Ɛnkɔ si sɛ adeɛ bɛkye,
ama sunsum adwane no,
mɛkɔ kurobo bepɔ
ne aduhwam nkokoɔ no so. 7Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ papa;
wo ho nni ɛdɛm biara. 8Ma yɛn mfiri Lebanon, mʼayeforɔ,
wo ne me mfiri Lebanon nkɔ.
Siane firi Amana atifi bra,
firi Senir atifi, Hermon apampam hɔ,
firi agyata buo mu
ne mmepɔ a asebɔ dɛɛdɛɛ hɔ. 9Woagye mʼakoma abɔ so, me nuabaa, mʼayeforɔ;
woagye mʼakoma abɔ so
wode wʼani a ɛbɔɔ me soɔ,
ne wo kɔnmuadeɛ mu ɔbohemaa baako.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.