Nnwom Mu Dwom 4:5
Song of Songs 4:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wo nufu mmienu te sɛ atwe mma mmienu, atwe mma ntafoɔ a wɔdidi wɔ sukooko mu.
Song of Songs 4:5 in English
Song of Songs 4:5 · Berean Standard Bible
Your breasts are like two fawns, twins of a gazelle grazing among the lilies.
Context
3Wʼanofafa te sɛ koogyan ahoma;
wʼano yɛ fɛ.
Wʼasontorɔ mu a ɛhyɛ wo nkatanimu mu
te sɛ ateaa aduaba fa. 4Wo kɔn te sɛ Dawid abantenten,
a wɔasi no fɛɛfɛ;
na akokyɛm apem sensɛn ho,
a ne nyinaa yɛ akofoɔ kyɛm. 5Wo nufu mmienu te sɛ atwe mma mmienu,
atwe mma ntafoɔ a
wɔdidi wɔ sukooko mu. 6Ɛnkɔ si sɛ adeɛ bɛkye,
ama sunsum adwane no,
mɛkɔ kurobo bepɔ
ne aduhwam nkokoɔ no so. 7Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ papa;
wo ho nni ɛdɛm biara.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.