Native Bible

Song of Songs 4:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wo ho yɛ fɛ, me dɔfoɔ! Ao, wo ho yɛ fɛ! Wʼaniwa a ɛhyehyɛ wo nkatanimu mu no te sɛ aborɔnoma. Wo nwi te sɛ mpapokuo a wɔresiane Gilead Bepɔ.

Song of Songs 4:1 in English

Song of Songs 4:1 · Berean Standard Bible

How beautiful you are, my darling— how very beautiful! Your eyes are like doves behind your veil. Your hair is like a flock of goats streaming down Mount Gilead.

Context

1Wo ho yɛ fɛ, me dɔfoɔ! Ao, wo ho yɛ fɛ! Wʼaniwa a ɛhyehyɛ wo nkatanimu mu no te sɛ aborɔnoma. Wo nwi te sɛ mpapokuo a wɔresiane Gilead Bepɔ. 2Wo se te sɛ nnwankuo a wɔatwitwa wɔn ho nwi foforɔ, a wɔfiri adwareɛ. Wɔnam mmienu mmienu na wɔn mu biara nyɛ ankonam. 3Wʼanofafa te sɛ koogyan ahoma; wʼano yɛ fɛ. Wʼasontorɔ mu a ɛhyɛ wo nkatanimu mu te sɛ ateaa aduaba fa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.