Native Bible

Song of Songs 4:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wo se te sɛ nnwankuo a wɔatwitwa wɔn ho nwi foforɔ, a wɔfiri adwareɛ. Wɔnam mmienu mmienu na wɔn mu biara nyɛ ankonam.

Song of Songs 4:2 in English

Song of Songs 4:2 · Berean Standard Bible

Your teeth are like a flock of newly shorn sheep coming up from the washing; each has its twin, and not one of them is lost.

Context

1Wo ho yɛ fɛ, me dɔfoɔ! Ao, wo ho yɛ fɛ! Wʼaniwa a ɛhyehyɛ wo nkatanimu mu no te sɛ aborɔnoma. Wo nwi te sɛ mpapokuo a wɔresiane Gilead Bepɔ. 2Wo se te sɛ nnwankuo a wɔatwitwa wɔn ho nwi foforɔ, a wɔfiri adwareɛ. Wɔnam mmienu mmienu na wɔn mu biara nyɛ ankonam. 3Wʼanofafa te sɛ koogyan ahoma; wʼano yɛ fɛ. Wʼasontorɔ mu a ɛhyɛ wo nkatanimu mu te sɛ ateaa aduaba fa. 4Wo kɔn te sɛ Dawid abantenten, a wɔasi no fɛɛfɛ; na akokyɛm apem sensɛn ho, a ne nyinaa yɛ akofoɔ kyɛm.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.