Nnwom Mu Dwom 4:12
Song of Songs 4:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wote sɛ turo a wɔato ano ɛpono mu, me nuabaa, mʼayeforɔ; woyɛ asutire a wɔagye ho ban, asubura a wɔasɔ ano.
Song of Songs 4:12 in English
Song of Songs 4:12 · Berean Standard Bible
My sister, my bride, you are a garden locked up, a spring enclosed, a fountain sealed.
Context
10Wo dɔ yɛ ahomeka, me nuabaa, mʼayeforɔ!
Hwɛ wo dɔ sɔ ani sene bobesa,
na wʼaduhwam yɛ hwam sene pɛperɛ biara. 11Adɔdɔdeɛ firi wʼano sɛ ɛwokyɛm, mʼayeforɔ;
nufosuo ne ɛwoɔ wɔ wo tɛkrɛma ase.
Wo ntadeɛ mu hwa te sɛ Lebanon deɛ. 12Wote sɛ turo a wɔato ano ɛpono mu, me nuabaa, mʼayeforɔ;
woyɛ asutire a wɔagye ho ban, asubura a wɔasɔ ano. 13Wo nnua yɛ nnuabafuo so ateaa
a ɛso aba pa,
ahuahaa ne nnuannua, 14nnuannua ne mmɛtire,
osiko ne sinamon,
a ohwamfufuo nnua hodoɔ,
kurobo ne dupapoɔ
ne pɛperɛ papa ahodoɔ nyinaa ka ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.