Native Bible

Psalms 35 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Listen to Nnwom 35
1Ao Awurade wo ne wɔn a wɔne me di asie no nni asie; ko tia wɔn a wɔko tia me. 2Fa wʼakokyɛm ne wo nkatanimu; na sɔre bra bɛboa me. 3Twe pea ne abonnua wɔ wɔn a wɔtaa me so ka kyerɛ me kra sɛ, “Mene wʼagyenkwa.” 4Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum me no ma wɔn anim ngu ase; wɔn a wɔbɔ me sɛeɛ ho pɔ no ma wɔmfa aniwuo nsane wɔn akyi. 5Ma wɔnyɛ sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ guo wɔn a Awurade ɔbɔfoɔ repam wɔn. 6Ma wɔn akwan so nnuru sum na ɛso nyɛ toro, na Awurade ɔbɔfoɔ ntaa wɔn so. 7Esiane sɛ wɔde atena sum me afidie kwa na wɔtuu amena maa me a menyɛɛ wɔn hwee no enti 8ma ɔsɛeɛ mmɛfu wɔn mu na atena no a wɔde hintaaeɛ nyi wɔn, na ma wɔnhwe amena no mu nsɛe. 9Afei me kra ani bɛgye wɔ Awurade mu na wasɛpɛ ne ho wɔ ne nkwagyeɛ mu. 10Me onipadua nyinaa bɛteam aka sɛ, “Hwan na ɔte sɛ wo, Ao Awurade? Wogye ohiani firi ahoɔdenfoɔ nsam ne deɛ ɔnnibie firi apoobɔfoɔ nsam.” 11Adansekurumfoɔ sɔre; wɔbisa me nneɛma a mennim ho hwee ho asɛm. 12Wɔde bɔne tua papa a meyɛ so ka na wɔma me kra yɛ basaa. 13Nanso, ɛberɛ a wɔyareeɛ no, mefiraa ayitoma na mede akɔnkyene brɛɛ me ho ase. Ɛberɛ a me mpaeɛbɔ ho mmuaeɛ nnya mmaeɛ no, 14mekɔɔ so twaa adwo sɛdeɛ meyɛ ma mʼadamfo anaa onuabarima. Mede awerɛhoɔ sii me ti ase te sɛ deɛ meregyam me maame. 15Nanso, ɛberɛ a mesuntiiɛ no, wɔde anigyeɛ boaa wɔn ho ano; ntohyɛsofoɔ twaa me ho hyiaaɛ a mennim na wɔdii me ho nsekuro a wɔantwa so da. 16Wɔde adwemmɔne dii me ho fɛ te sɛ nnipa a wɔnni nyamesu; wɔtwɛree wɔn se guu me so. 17Ao Awurade, wobɛhwɛ wɔn akɔsi da bɛn? Gye me nkwa firi wɔn sɛeɛ mu, gye me nkwa a ɛsom bo no firi saa agyata yi nsam. 18Na mɛda wo ase wɔ dwabɔ kɛseɛ ase; wɔ nnipa dodoɔ mu na mɛkamfo woɔ. 19Mma mʼatamfoɔ a wɔtane me kwa no nhwɛ me haa nsere. Mma wɔn a menyɛɛ wɔn hwee nso wɔtane me no mmfa adwene bɔne mmu me anikyeɛ. 20Wɔnnkasa asomdwoeɛ so, na mmom, wɔde ntwatosoɔ tia nnipa a wɔmpɛ wɔn ho asɛm wɔ asase yi so. 21Wɔhwɛ me haa ka sɛ, “Aane! Aane, yɛde yɛn ankasa ani ahunu.” 22Ao Awurade, wahunu na mmua wʼano. Nte wo ho nkɔ akyiri, Ao Awurade. 23Nyane, sɔre na bɛbɔ me ho ban! Ka bi ma me, me Onyankopɔn ne mʼAwurade. 24Di mʼasɛm ma me wɔ wo tenenee no mu, Ao Awurade me Onyankopɔn; mma wɔn nhwɛ me haa nsere. 25Mma wɔnnwene nka sɛ, “Aane, deɛ yɛpɛ ni!” anaa wɔnnka sɛ, “Yɛanya no.” 26Ma wɔn a wɔhwɛ me haa sere me wɔ mʼahohiahia mu no nyinaa anim ngu ase na wɔnyɛ basaa; ma wɔn a wɔdi me so akokurokosɛm no nhyɛ aniwuo ne animguaseɛ atadeɛ. 27Ma wɔn a wɔdi ahurisie wɔ me bembuo ho no mfa anigyeɛ ne ahosɛpɛ nteam ɛberɛ nyinaa mu ma wɔnka sɛ, “Momma Awurade so, ɔno na nʼani gye ne ɔsomfoɔ yiedie ho.” 28Me tɛkrɛma bɛka wo tenenee ne wʼayɛyie da mu nyinaa. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.