Nnwom 35:9
Psalms 35:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei me kra ani bɛgye wɔ Awurade mu na wasɛpɛ ne ho wɔ ne nkwagyeɛ mu.
Psalms 35:9 in English
Psalms 35:9 · Berean Standard Bible
Then my soul will rejoice in the LORD and exult in His salvation.
Context
7Esiane sɛ wɔde atena sum me afidie kwa
na wɔtuu amena maa me a menyɛɛ wɔn hwee no enti 8ma ɔsɛeɛ mmɛfu wɔn mu
na atena no a wɔde hintaaeɛ nyi wɔn,
na ma wɔnhwe amena no mu nsɛe. 9Afei me kra ani bɛgye wɔ Awurade mu
na wasɛpɛ ne ho wɔ ne nkwagyeɛ mu. 10Me onipadua nyinaa bɛteam aka sɛ,
“Hwan na ɔte sɛ wo, Ao Awurade?
Wogye ohiani firi ahoɔdenfoɔ nsam
ne deɛ ɔnnibie firi apoobɔfoɔ nsam.” 11Adansekurumfoɔ sɔre;
wɔbisa me nneɛma a mennim ho hwee ho asɛm.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.