Native Bible

Psalms 35:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

ma ɔsɛeɛ mmɛfu wɔn mu na atena no a wɔde hintaaeɛ nyi wɔn, na ma wɔnhwe amena no mu nsɛe.

Psalms 35:8 in English

Psalms 35:8 · Berean Standard Bible

May ruin befall them by surprise; may the net they hid ensnare them; may they fall into the hazard they created.

Context

6Ma wɔn akwan so nnuru sum na ɛso nyɛ toro, na Awurade ɔbɔfoɔ ntaa wɔn so. 7Esiane sɛ wɔde atena sum me afidie kwa na wɔtuu amena maa me a menyɛɛ wɔn hwee no enti 8ma ɔsɛeɛ mmɛfu wɔn mu na atena no a wɔde hintaaeɛ nyi wɔn, na ma wɔnhwe amena no mu nsɛe. 9Afei me kra ani bɛgye wɔ Awurade mu na wasɛpɛ ne ho wɔ ne nkwagyeɛ mu. 10Me onipadua nyinaa bɛteam aka sɛ, “Hwan na ɔte sɛ wo, Ao Awurade? Wogye ohiani firi ahoɔdenfoɔ nsam ne deɛ ɔnnibie firi apoobɔfoɔ nsam.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.