Nnwom 35:19
Psalms 35:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mma mʼatamfoɔ a wɔtane me kwa no nhwɛ me haa nsere. Mma wɔn a menyɛɛ wɔn hwee nso wɔtane me no mmfa adwene bɔne mmu me anikyeɛ.
Psalms 35:19 in English
Psalms 35:19 · Berean Standard Bible
Let not my enemies gloat over me without cause, nor those who hate me without reason wink in malice.*
Context
17Ao Awurade, wobɛhwɛ wɔn akɔsi da bɛn?
Gye me nkwa firi wɔn sɛeɛ mu,
gye me nkwa a ɛsom bo no firi saa agyata yi nsam. 18Na mɛda wo ase wɔ dwabɔ kɛseɛ ase;
wɔ nnipa dodoɔ mu na mɛkamfo woɔ. 19Mma mʼatamfoɔ a wɔtane me kwa no
nhwɛ me haa nsere.
Mma wɔn a menyɛɛ wɔn hwee nso wɔtane me no
mmfa adwene bɔne mmu me anikyeɛ. 20Wɔnnkasa asomdwoeɛ so,
na mmom, wɔde ntwatosoɔ
tia nnipa a wɔmpɛ wɔn ho asɛm wɔ asase yi so. 21Wɔhwɛ me haa ka sɛ, “Aane! Aane,
yɛde yɛn ankasa ani ahunu.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.