Native Bible

Psalms 35:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔhwɛ me haa ka sɛ, “Aane! Aane, yɛde yɛn ankasa ani ahunu.”

Psalms 35:21 in English

Psalms 35:21 · Berean Standard Bible

They gape at me and say, “Aha, aha! Our eyes have seen!”

Context

19Mma mʼatamfoɔ a wɔtane me kwa no nhwɛ me haa nsere. Mma wɔn a menyɛɛ wɔn hwee nso wɔtane me no mmfa adwene bɔne mmu me anikyeɛ. 20Wɔnnkasa asomdwoeɛ so, na mmom, wɔde ntwatosoɔ tia nnipa a wɔmpɛ wɔn ho asɛm wɔ asase yi so. 21Wɔhwɛ me haa ka sɛ, “Aane! Aane, yɛde yɛn ankasa ani ahunu.” 22Ao Awurade, wahunu na mmua wʼano. Nte wo ho nkɔ akyiri, Ao Awurade. 23Nyane, sɔre na bɛbɔ me ho ban! Ka bi ma me, me Onyankopɔn ne mʼAwurade.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.