Nnwom 35:17
Psalms 35:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ao Awurade, wobɛhwɛ wɔn akɔsi da bɛn? Gye me nkwa firi wɔn sɛeɛ mu, gye me nkwa a ɛsom bo no firi saa agyata yi nsam.
Psalms 35:17 in English
Psalms 35:17 · Berean Standard Bible
How long, O Lord, will You look on? Rescue my soul from their ravages, my precious life from these lions.
Context
15Nanso, ɛberɛ a mesuntiiɛ no, wɔde anigyeɛ boaa wɔn ho ano;
ntohyɛsofoɔ twaa me ho hyiaaɛ a mennim
na wɔdii me ho nsekuro a wɔantwa so da. 16Wɔde adwemmɔne dii me ho fɛ te sɛ nnipa a wɔnni nyamesu;
wɔtwɛree wɔn se guu me so. 17Ao Awurade, wobɛhwɛ wɔn akɔsi da bɛn?
Gye me nkwa firi wɔn sɛeɛ mu,
gye me nkwa a ɛsom bo no firi saa agyata yi nsam. 18Na mɛda wo ase wɔ dwabɔ kɛseɛ ase;
wɔ nnipa dodoɔ mu na mɛkamfo woɔ. 19Mma mʼatamfoɔ a wɔtane me kwa no
nhwɛ me haa nsere.
Mma wɔn a menyɛɛ wɔn hwee nso wɔtane me no
mmfa adwene bɔne mmu me anikyeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.