Nnwom 35:15
Psalms 35:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, ɛberɛ a mesuntiiɛ no, wɔde anigyeɛ boaa wɔn ho ano; ntohyɛsofoɔ twaa me ho hyiaaɛ a mennim na wɔdii me ho nsekuro a wɔantwa so da.
Psalms 35:15 in English
Psalms 35:15 · Berean Standard Bible
But when I stumbled, they assembled in glee; they gathered together against me. Assailants I did not know slandered me without ceasing.
Context
13Nanso, ɛberɛ a wɔyareeɛ no, mefiraa ayitoma
na mede akɔnkyene brɛɛ me ho ase.
Ɛberɛ a me mpaeɛbɔ ho mmuaeɛ nnya mmaeɛ no, 14mekɔɔ so twaa adwo
sɛdeɛ meyɛ ma mʼadamfo anaa onuabarima.
Mede awerɛhoɔ sii me ti ase
te sɛ deɛ meregyam me maame. 15Nanso, ɛberɛ a mesuntiiɛ no, wɔde anigyeɛ boaa wɔn ho ano;
ntohyɛsofoɔ twaa me ho hyiaaɛ a mennim
na wɔdii me ho nsekuro a wɔantwa so da. 16Wɔde adwemmɔne dii me ho fɛ te sɛ nnipa a wɔnni nyamesu;
wɔtwɛree wɔn se guu me so. 17Ao Awurade, wobɛhwɛ wɔn akɔsi da bɛn?
Gye me nkwa firi wɔn sɛeɛ mu,
gye me nkwa a ɛsom bo no firi saa agyata yi nsam.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.