Native Bible

Psalms 35:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

mekɔɔ so twaa adwo sɛdeɛ meyɛ ma mʼadamfo anaa onuabarima. Mede awerɛhoɔ sii me ti ase te sɛ deɛ meregyam me maame.

Psalms 35:14 in English

Psalms 35:14 · Berean Standard Bible

I paced about as for my friend or brother; I was bowed down with grief, like one mourning for his mother.

Context

12Wɔde bɔne tua papa a meyɛ so ka na wɔma me kra yɛ basaa. 13Nanso, ɛberɛ a wɔyareeɛ no, mefiraa ayitoma na mede akɔnkyene brɛɛ me ho ase. Ɛberɛ a me mpaeɛbɔ ho mmuaeɛ nnya mmaeɛ no, 14mekɔɔ so twaa adwo sɛdeɛ meyɛ ma mʼadamfo anaa onuabarima. Mede awerɛhoɔ sii me ti ase te sɛ deɛ meregyam me maame. 15Nanso, ɛberɛ a mesuntiiɛ no, wɔde anigyeɛ boaa wɔn ho ano; ntohyɛsofoɔ twaa me ho hyiaaɛ a mennim na wɔdii me ho nsekuro a wɔantwa so da. 16Wɔde adwemmɔne dii me ho fɛ te sɛ nnipa a wɔnni nyamesu; wɔtwɛree wɔn se guu me so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.