Native Bible

Psalms 35:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ma wɔn a wɔhwɛ me haa sere me wɔ mʼahohiahia mu no nyinaa anim ngu ase na wɔnyɛ basaa; ma wɔn a wɔdi me so akokurokosɛm no nhyɛ aniwuo ne animguaseɛ atadeɛ.

Psalms 35:26 in English

Psalms 35:26 · Berean Standard Bible

May those who gloat in my distress be ashamed and confounded; may those who exalt themselves over me be clothed in shame and reproach.

Context

24Di mʼasɛm ma me wɔ wo tenenee no mu, Ao Awurade me Onyankopɔn; mma wɔn nhwɛ me haa nsere. 25Mma wɔnnwene nka sɛ, “Aane, deɛ yɛpɛ ni!” anaa wɔnnka sɛ, “Yɛanya no.” 26Ma wɔn a wɔhwɛ me haa sere me wɔ mʼahohiahia mu no nyinaa anim ngu ase na wɔnyɛ basaa; ma wɔn a wɔdi me so akokurokosɛm no nhyɛ aniwuo ne animguaseɛ atadeɛ. 27Ma wɔn a wɔdi ahurisie wɔ me bembuo ho no mfa anigyeɛ ne ahosɛpɛ nteam ɛberɛ nyinaa mu ma wɔnka sɛ, “Momma Awurade so, ɔno na nʼani gye ne ɔsomfoɔ yiedie ho.” 28Me tɛkrɛma bɛka wo tenenee ne wʼayɛyie da mu nyinaa. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.