Native Bible

Jeremiah 49:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Adɛn enti na wɔnnyaa kuropɔn a agye din yi ntoo hɔ, kuro a mʼani gye muo?

Jeremiah 49:25 in English

Jeremiah 49:25 · Berean Standard Bible

How is the city of praise not forsaken, the town that brings Me joy?

Context

23Deɛ ɛfa Damasko ho no nie: “Hamat ne Arpad aba mu abu, ɛfiri sɛ wɔate asɛmmɔne. Wɔn akoma aboto te sɛ ɛpo a ɛrehuru soɔ. 24Damasko ayɛ mmerɛ, wayɛ sɛ ɔrebɛdwane; wabɔ huboa; ahoyera ne ɔyea akyekyere no, ɔyea a ɛte sɛ ɔbaa a ɔrekyem wɔ awoɔ so deɛ. 25Adɛn enti na wɔnnyaa kuropɔn a agye din yi ntoo hɔ, kuro a mʼani gye muo? 26Ampa ara ne mmeranteɛ bɛhwehwe ase wɔ mmɔntene so; wɔbɛma nʼasraafoɔ nyinaa aka wɔn ano atom saa ɛda no,” sɛi na Asafo Awurade seɛ. 27“Mede ogya bɛto Damasko afasuo mu; na ɛbɛhye Ben-Hadad aban.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.