Yeremia 49:26
Jeremiah 49:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ampa ara ne mmeranteɛ bɛhwehwe ase wɔ mmɔntene so; wɔbɛma nʼasraafoɔ nyinaa aka wɔn ano atom saa ɛda no,” sɛi na Asafo Awurade seɛ.
Jeremiah 49:26 in English
Jeremiah 49:26 · Berean Standard Bible
For her young men will fall in the streets, and all her warriors will be silenced in that day,” declares the LORD of Hosts.
Context
24Damasko ayɛ mmerɛ,
wayɛ sɛ ɔrebɛdwane;
wabɔ huboa;
ahoyera ne ɔyea akyekyere no,
ɔyea a ɛte sɛ ɔbaa a ɔrekyem wɔ awoɔ so deɛ. 25Adɛn enti na wɔnnyaa kuropɔn a agye din yi ntoo hɔ,
kuro a mʼani gye muo? 26Ampa ara ne mmeranteɛ bɛhwehwe ase wɔ mmɔntene so;
wɔbɛma nʼasraafoɔ nyinaa aka wɔn ano atom saa ɛda no,”
sɛi na Asafo Awurade seɛ. 27“Mede ogya bɛto Damasko afasuo mu;
na ɛbɛhye Ben-Hadad aban.” 28Deɛ ɛfa Kedar ne Hasor ahennie a Babiloniahene Nebukadnessar to hyɛɛ soɔ no nie.
Yei ne deɛ Awurade seɛ:
“Sɔre na kɔto hyɛ Kedar so
na sɛe nnipa a wɔwɔ apueeɛ fam no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.