Native Bible

Jeremiah 49:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Deɛ ɛfa Kedar ne Hasor ahennie a Babiloniahene Nebukadnessar to hyɛɛ soɔ no nie. Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Sɔre na kɔto hyɛ Kedar so na sɛe nnipa a wɔwɔ apueeɛ fam no.

Jeremiah 49:28 in English

Jeremiah 49:28 · Berean Standard Bible

Concerning Kedar and the kingdoms of Hazor, which Nebuchadnezzar king of Babylon defeated, this is what the LORD says: “Rise up, advance against Kedar, and destroy the people of the east!

Context

26Ampa ara ne mmeranteɛ bɛhwehwe ase wɔ mmɔntene so; wɔbɛma nʼasraafoɔ nyinaa aka wɔn ano atom saa ɛda no,” sɛi na Asafo Awurade seɛ. 27“Mede ogya bɛto Damasko afasuo mu; na ɛbɛhye Ben-Hadad aban.” 28Deɛ ɛfa Kedar ne Hasor ahennie a Babiloniahene Nebukadnessar to hyɛɛ soɔ no nie. Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Sɔre na kɔto hyɛ Kedar so na sɛe nnipa a wɔwɔ apueeɛ fam no. 29Wɔbɛfa wɔn ntomadan ne wɔn nnwankuo; wɔbɛfa wɔn nkatasoɔ, ne wɔn ho nneɛma ne nyoma akɔ. Nnipa bɛteateam sɛ, ‘Ehu wɔ baabiara!’ 30“Monnwane nkɔ ntɛm ntɛm! Monhyehyɛ abodan a emu dɔ mu, mo a motete Hasor,” Awurade na ɔseɛ. “Babiloniahene Nebukadnessar apam mo tiri so; wayɛ nhyehyɛeɛ a ɛtia mo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.