Native Bible

Jeremiah 49:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔbɛfa wɔn ntomadan ne wɔn nnwankuo; wɔbɛfa wɔn nkatasoɔ, ne wɔn ho nneɛma ne nyoma akɔ. Nnipa bɛteateam sɛ, ‘Ehu wɔ baabiara!’

Jeremiah 49:29 in English

Jeremiah 49:29 · Berean Standard Bible

They will take their tents and flocks, their tent curtains and all their goods. They will take their camels for themselves. They will shout to them: ‘Terror is on every side!’

Context

27“Mede ogya bɛto Damasko afasuo mu; na ɛbɛhye Ben-Hadad aban.” 28Deɛ ɛfa Kedar ne Hasor ahennie a Babiloniahene Nebukadnessar to hyɛɛ soɔ no nie. Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Sɔre na kɔto hyɛ Kedar so na sɛe nnipa a wɔwɔ apueeɛ fam no. 29Wɔbɛfa wɔn ntomadan ne wɔn nnwankuo; wɔbɛfa wɔn nkatasoɔ, ne wɔn ho nneɛma ne nyoma akɔ. Nnipa bɛteateam sɛ, ‘Ehu wɔ baabiara!’ 30“Monnwane nkɔ ntɛm ntɛm! Monhyehyɛ abodan a emu dɔ mu, mo a motete Hasor,” Awurade na ɔseɛ. “Babiloniahene Nebukadnessar apam mo tiri so; wayɛ nhyehyɛeɛ a ɛtia mo. 31“Sɔre kɔto hyɛ ɔman bi so a woremmrɛ, ɔman a wɔte ahotosoɔ mu,” Awurade na ɔseɛ, “ɔman a wɔnni apono anaa akwansideɛ, na emu nnipa nko ara na wɔte hɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.