Yeremia 49:31
Jeremiah 49:31 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Sɔre kɔto hyɛ ɔman bi so a woremmrɛ, ɔman a wɔte ahotosoɔ mu,” Awurade na ɔseɛ, “ɔman a wɔnni apono anaa akwansideɛ, na emu nnipa nko ara na wɔte hɔ.
Jeremiah 49:31 in English
Jeremiah 49:31 · Berean Standard Bible
Rise up, advance against a nation at ease, one that dwells securely,” declares the LORD. “They have no gates or bars; they live alone.
Context
29Wɔbɛfa wɔn ntomadan ne wɔn nnwankuo;
wɔbɛfa wɔn nkatasoɔ,
ne wɔn ho nneɛma ne nyoma akɔ.
Nnipa bɛteateam sɛ,
‘Ehu wɔ baabiara!’ 30“Monnwane nkɔ ntɛm ntɛm!
Monhyehyɛ abodan a emu dɔ mu, mo a motete Hasor,”
Awurade na ɔseɛ.
“Babiloniahene Nebukadnessar apam mo tiri so;
wayɛ nhyehyɛeɛ a ɛtia mo. 31“Sɔre kɔto hyɛ ɔman bi so a woremmrɛ,
ɔman a wɔte ahotosoɔ mu,”
Awurade na ɔseɛ,
“ɔman a wɔnni apono anaa akwansideɛ,
na emu nnipa nko ara na wɔte hɔ. 32Wɔn mfunumu bɛyɛ afodeɛ,
na wɔn anantwikuo akɛseɛ no bɛyɛ asadeɛ.
Mɛbɔ saa nnipa a wɔtete akyirikyiri no ahwete ama mframa no,
na mede amanehunu bɛfiri afa nyinaa aba wɔn so,”
Awurade na ɔseɛ. 33“Hasor bɛdane sakraman atuo,
ɛbɛda mpan afebɔɔ.
Obiara rentena hɔ;
onipa biara rentena mu.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.