Native Bible

Jeremiah 49:33 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Hasor bɛdane sakraman atuo, ɛbɛda mpan afebɔɔ. Obiara rentena hɔ; onipa biara rentena mu.”

Jeremiah 49:33 in English

Jeremiah 49:33 · Berean Standard Bible

“Hazor will become a haunt for jackals,* a desolation forever. No one will dwell there; no man will abide there.”

Context

31“Sɔre kɔto hyɛ ɔman bi so a woremmrɛ, ɔman a wɔte ahotosoɔ mu,” Awurade na ɔseɛ, “ɔman a wɔnni apono anaa akwansideɛ, na emu nnipa nko ara na wɔte hɔ. 32Wɔn mfunumu bɛyɛ afodeɛ, na wɔn anantwikuo akɛseɛ no bɛyɛ asadeɛ. Mɛbɔ saa nnipa a wɔtete akyirikyiri no ahwete ama mframa no, na mede amanehunu bɛfiri afa nyinaa aba wɔn so,” Awurade na ɔseɛ. 33“Hasor bɛdane sakraman atuo, ɛbɛda mpan afebɔɔ. Obiara rentena hɔ; onipa biara rentena mu.” 34Yei ne asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn baa odiyifoɔ Yeremia hɔ a ɛfa Elam ho, wɔ Yudahene Sedekia adedie mfitiaseɛ: 35Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Hwɛ, mɛbubu Elam agyan mu, deɛ wɔn ahoɔden gyina soɔ no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.