Native Bible

Jeremiah 49:34 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yei ne asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn baa odiyifoɔ Yeremia hɔ a ɛfa Elam ho, wɔ Yudahene Sedekia adedie mfitiaseɛ:

Jeremiah 49:34 in English

Jeremiah 49:34 · Berean Standard Bible

This is the word of the LORD that came to Jeremiah the prophet concerning Elam at the beginning of the reign of Zedekiah king of Judah.

Context

32Wɔn mfunumu bɛyɛ afodeɛ, na wɔn anantwikuo akɛseɛ no bɛyɛ asadeɛ. Mɛbɔ saa nnipa a wɔtete akyirikyiri no ahwete ama mframa no, na mede amanehunu bɛfiri afa nyinaa aba wɔn so,” Awurade na ɔseɛ. 33“Hasor bɛdane sakraman atuo, ɛbɛda mpan afebɔɔ. Obiara rentena hɔ; onipa biara rentena mu.” 34Yei ne asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn baa odiyifoɔ Yeremia hɔ a ɛfa Elam ho, wɔ Yudahene Sedekia adedie mfitiaseɛ: 35Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Hwɛ, mɛbubu Elam agyan mu, deɛ wɔn ahoɔden gyina soɔ no. 36Mede mframa ɛnan no bɛba Elam so afiri ɔsorosoro afanan; mɛbɔ wɔn ahwete mframa ɛnan no mu, na Elam atukɔfoɔ akɔ ɔman biara so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.