Yeremia 49:35
Jeremiah 49:35 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Hwɛ, mɛbubu Elam agyan mu, deɛ wɔn ahoɔden gyina soɔ no.
Jeremiah 49:35 in English
Jeremiah 49:35 · Berean Standard Bible
This is what the LORD of Hosts says: “Behold, I will shatter Elam’s bow, the mainstay of their might.
Context
33“Hasor bɛdane sakraman atuo,
ɛbɛda mpan afebɔɔ.
Obiara rentena hɔ;
onipa biara rentena mu.” 34Yei ne asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn baa odiyifoɔ Yeremia hɔ a ɛfa Elam ho, wɔ Yudahene Sedekia adedie mfitiaseɛ: 35Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ:
“Hwɛ, mɛbubu Elam agyan mu,
deɛ wɔn ahoɔden gyina soɔ no. 36Mede mframa ɛnan no bɛba Elam so
afiri ɔsorosoro afanan;
mɛbɔ wɔn ahwete mframa ɛnan no mu,
na Elam atukɔfoɔ akɔ ɔman biara so. 37Mɛbɔ Elam ahwete wɔ wɔn atamfoɔ anim,
wɔ wɔn a wɔrepɛ wɔn akum wɔn no anim;
mede amanehunu bɛba wɔn so
mpo mʼabufuhyeɛ no,”
Awurade na ɔseɛ.
“Mede akofena bɛtaa wɔn
kɔsi sɛ mɛwie wɔn korakora.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.