Native Bible

Jeremiah 49:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Deɛ ɛfa Damasko ho no nie: “Hamat ne Arpad aba mu abu, ɛfiri sɛ wɔate asɛmmɔne. Wɔn akoma aboto te sɛ ɛpo a ɛrehuru soɔ.

Jeremiah 49:23 in English

Jeremiah 49:23 · Berean Standard Bible

Concerning Damascus: “Hamath and Arpad are put to shame, for they have heard a bad report; they are agitated like the sea;* their anxiety cannot be calmed.

Context

21Wɔn asehweɛ nnyegyeeɛ bɛma asase awoso; wɔn nteateam bɛgyegye akɔduru Ɛpo Kɔkɔɔ ho. 22Monhwɛ! Ɔkɔdeɛ bi bɛtu akɔ soro na wato hoo aba fam a watrɛtrɛ ne ntaban mu wɔ Bosra so. Saa ɛda no, Edom nnɔmmarima akoma bɛtu sɛ ɔbaa a ɔrekyem wɔ awoɔ so. 23Deɛ ɛfa Damasko ho no nie: “Hamat ne Arpad aba mu abu, ɛfiri sɛ wɔate asɛmmɔne. Wɔn akoma aboto te sɛ ɛpo a ɛrehuru soɔ. 24Damasko ayɛ mmerɛ, wayɛ sɛ ɔrebɛdwane; wabɔ huboa; ahoyera ne ɔyea akyekyere no, ɔyea a ɛte sɛ ɔbaa a ɔrekyem wɔ awoɔ so deɛ. 25Adɛn enti na wɔnnyaa kuropɔn a agye din yi ntoo hɔ, kuro a mʼani gye muo?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.