Yeremia 49:21
Jeremiah 49:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔn asehweɛ nnyegyeeɛ bɛma asase awoso; wɔn nteateam bɛgyegye akɔduru Ɛpo Kɔkɔɔ ho.
Jeremiah 49:21 in English
Jeremiah 49:21 · Berean Standard Bible
At the sound of their fall the earth will quake; their cry will resound to the Red Sea.*
Context
19“Sɛdeɛ gyata firi Yordan nkyɛkyerɛ mu
kɔ adidibea frɔmfrɔm no,
saa ara na mɛtaa Edom so afiri nʼasase so wɔ ɛberɛ tiawa bi mu.
Hwan ne deɛ mayi no sɛ ɔnyɛ yei?
Hwan na ɔte sɛ me na hwan na ɔbɛtumi ne me adi asie?
Na odwanhwɛfoɔ bɛn na ɔbɛtumi asɔre atia me?” 20Enti tie deɛ Awurade ahyehyɛ atia Edom,
deɛ wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ de atia wɔn a wɔte Teman nie:
Nnwankuo no mu nkumaa no mpo, wɔbɛtwe wɔn akɔ;
wɔn enti wɔbɛsɛe adidibea no koraa. 21Wɔn asehweɛ nnyegyeeɛ bɛma asase awoso;
wɔn nteateam bɛgyegye akɔduru Ɛpo Kɔkɔɔ ho. 22Monhwɛ! Ɔkɔdeɛ bi bɛtu akɔ soro na wato hoo aba fam a
watrɛtrɛ ne ntaban mu wɔ Bosra so.
Saa ɛda no, Edom nnɔmmarima akoma
bɛtu sɛ ɔbaa a ɔrekyem wɔ awoɔ so. 23Deɛ ɛfa Damasko ho no nie:
“Hamat ne Arpad aba mu abu,
ɛfiri sɛ wɔate asɛmmɔne.
Wɔn akoma aboto
te sɛ ɛpo a ɛrehuru soɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.