Yeremia 49:19
Jeremiah 49:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Sɛdeɛ gyata firi Yordan nkyɛkyerɛ mu kɔ adidibea frɔmfrɔm no, saa ara na mɛtaa Edom so afiri nʼasase so wɔ ɛberɛ tiawa bi mu. Hwan ne deɛ mayi no sɛ ɔnyɛ yei? Hwan na ɔte sɛ me na hwan na ɔbɛtumi ne me adi asie? Na odwanhwɛfoɔ bɛn na ɔbɛtumi asɔre atia me?”
Jeremiah 49:19 in English
Jeremiah 49:19 · Berean Standard Bible
Behold, one will come up like a lion from the thickets of the Jordan to the watered pasture. For in an instant I will chase Edom from her land. Who is the chosen one I will appoint for this? For who is like Me, and who can challenge Me? What shepherd can stand against Me?”
Context
17“Edom bɛyɛ ahodwiredeɛ;
wɔn a wɔtwam hɔ nyinaa ho bɛdwiri wɔn na wɔadi ne ho fɛ
ɛsiane nʼapirakuro nyinaa enti. 18Sɛdeɛ wɔdanee Sodom ne Gomora
ne wɔn nkurotoɔ guiɛ no,”
Awurade na ɔseɛ,
“saa ara na obiara rentena hɔ;
onipa biara rentena mu. 19“Sɛdeɛ gyata firi Yordan nkyɛkyerɛ mu
kɔ adidibea frɔmfrɔm no,
saa ara na mɛtaa Edom so afiri nʼasase so wɔ ɛberɛ tiawa bi mu.
Hwan ne deɛ mayi no sɛ ɔnyɛ yei?
Hwan na ɔte sɛ me na hwan na ɔbɛtumi ne me adi asie?
Na odwanhwɛfoɔ bɛn na ɔbɛtumi asɔre atia me?” 20Enti tie deɛ Awurade ahyehyɛ atia Edom,
deɛ wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ de atia wɔn a wɔte Teman nie:
Nnwankuo no mu nkumaa no mpo, wɔbɛtwe wɔn akɔ;
wɔn enti wɔbɛsɛe adidibea no koraa. 21Wɔn asehweɛ nnyegyeeɛ bɛma asase awoso;
wɔn nteateam bɛgyegye akɔduru Ɛpo Kɔkɔɔ ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.