Native Bible

Jeremiah 49:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Edom bɛyɛ ahodwiredeɛ; wɔn a wɔtwam hɔ nyinaa ho bɛdwiri wɔn na wɔadi ne ho fɛ ɛsiane nʼapirakuro nyinaa enti.

Jeremiah 49:17 in English

Jeremiah 49:17 · Berean Standard Bible

“Edom will become an object of horror. All who pass by will be appalled and will scoff at all her wounds.

Context

15“Na mɛyɛ wo ketewa wɔ amanaman no mu, na wɔabu wo animtia. 16Ehu a wobɔ nkurɔfoɔ akoma mu no adaadaa wo, wo a wote abotan ntokuro mu, na wote kokoɔ no sorɔnsorɔmmea. Ɛwom sɛ woyɛ wo pirebuo wɔ soro tɛ sɛ ɔkɔdeɛ deɛ, nanso ɛhɔ na mɛfiri de wo aba fam,” Awurade na ɔseɛ. 17“Edom bɛyɛ ahodwiredeɛ; wɔn a wɔtwam hɔ nyinaa ho bɛdwiri wɔn na wɔadi ne ho fɛ ɛsiane nʼapirakuro nyinaa enti. 18Sɛdeɛ wɔdanee Sodom ne Gomora ne wɔn nkurotoɔ guiɛ no,” Awurade na ɔseɛ, “saa ara na obiara rentena hɔ; onipa biara rentena mu. 19“Sɛdeɛ gyata firi Yordan nkyɛkyerɛ mu kɔ adidibea frɔmfrɔm no, saa ara na mɛtaa Edom so afiri nʼasase so wɔ ɛberɛ tiawa bi mu. Hwan ne deɛ mayi no sɛ ɔnyɛ yei? Hwan na ɔte sɛ me na hwan na ɔbɛtumi ne me adi asie? Na odwanhwɛfoɔ bɛn na ɔbɛtumi asɔre atia me?”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.