Native Bible

Jeremiah 49:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Na mɛyɛ wo ketewa wɔ amanaman no mu, na wɔabu wo animtia.

Jeremiah 49:15 in English

Jeremiah 49:15 · Berean Standard Bible

“For behold, I will make you small among nations, despised among men.

Context

13Meka me ho ntam sɛ wɔbɛsɛe Bosra na ayɛ ahodwiredeɛ, ahohoradeɛ ne nnomedeɛ; na ne nkuro nyinaa bɛsɛe afebɔɔ,” Awurade na ɔseɛ. 14Mate asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn: wɔsomaa ananmusini bi sɛ ɔnkɔka nkyerɛ amanaman no sɛ, “Mommoaboa mo ho ano nkɔto nhyɛ ne so! Monsɔre nkɔ ɔko!” 15“Na mɛyɛ wo ketewa wɔ amanaman no mu, na wɔabu wo animtia. 16Ehu a wobɔ nkurɔfoɔ akoma mu no adaadaa wo, wo a wote abotan ntokuro mu, na wote kokoɔ no sorɔnsorɔmmea. Ɛwom sɛ woyɛ wo pirebuo wɔ soro tɛ sɛ ɔkɔdeɛ deɛ, nanso ɛhɔ na mɛfiri de wo aba fam,” Awurade na ɔseɛ. 17“Edom bɛyɛ ahodwiredeɛ; wɔn a wɔtwam hɔ nyinaa ho bɛdwiri wɔn na wɔadi ne ho fɛ ɛsiane nʼapirakuro nyinaa enti.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.