Yeremia 49:14
Jeremiah 49:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mate asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn: wɔsomaa ananmusini bi sɛ ɔnkɔka nkyerɛ amanaman no sɛ, “Mommoaboa mo ho ano nkɔto nhyɛ ne so! Monsɔre nkɔ ɔko!”
Jeremiah 49:14 in English
Jeremiah 49:14 · Berean Standard Bible
I have heard a message from the LORD; an envoy has been sent to the nations: “Assemble yourselves to march against her! Rise up for battle!”
Context
12Deɛ Awurade seɛ nie: “Sɛ wɔtwe wɔn a wɔmfata sɛ wɔtwe wɔn aso mpo a, ɛnneɛ adɛn enti na ɛnsɛ sɛ wɔtwe mo aso? Wɔbɛtwe mo aso! 13Meka me ho ntam sɛ wɔbɛsɛe Bosra na ayɛ ahodwiredeɛ, ahohoradeɛ ne nnomedeɛ; na ne nkuro nyinaa bɛsɛe afebɔɔ,” Awurade na ɔseɛ. 14Mate asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn:
wɔsomaa ananmusini bi sɛ ɔnkɔka nkyerɛ amanaman no sɛ,
“Mommoaboa mo ho ano nkɔto nhyɛ ne so!
Monsɔre nkɔ ɔko!” 15“Na mɛyɛ wo ketewa wɔ amanaman no mu,
na wɔabu wo animtia. 16Ehu a wobɔ
nkurɔfoɔ akoma mu no adaadaa wo,
wo a wote abotan ntokuro mu,
na wote kokoɔ no sorɔnsorɔmmea.
Ɛwom sɛ woyɛ wo pirebuo wɔ soro tɛ sɛ ɔkɔdeɛ deɛ,
nanso ɛhɔ na mɛfiri de wo aba fam,”
Awurade na ɔseɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.