Yeremia 49:12
Jeremiah 49:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Deɛ Awurade seɛ nie: “Sɛ wɔtwe wɔn a wɔmfata sɛ wɔtwe wɔn aso mpo a, ɛnneɛ adɛn enti na ɛnsɛ sɛ wɔtwe mo aso? Wɔbɛtwe mo aso!
Jeremiah 49:12 in English
Jeremiah 49:12 · Berean Standard Bible
For this is what the LORD says: “If those who do not deserve to drink the cup must drink it, can you possibly remain unpunished? You will not go unpunished, for you must drink it too.
Context
10Na mɛma Esau ada adagya.
Mɛda ne hintabea ahodoɔ adi,
sɛdeɛ ɔrentumi mfa ne ho nsuma.
Ne mma, nʼabusuafoɔ ne ne mfɛfoɔ bɛwuwu,
na wɔrenhunu no bio. 11‘Monnya mo nwisiaa, na mɛbɔ wɔn nkwa ho ban.
Mo akunafoɔ nso bɛtumi de wɔn ho ato me so.’ ” 12Deɛ Awurade seɛ nie: “Sɛ wɔtwe wɔn a wɔmfata sɛ wɔtwe wɔn aso mpo a, ɛnneɛ adɛn enti na ɛnsɛ sɛ wɔtwe mo aso? Wɔbɛtwe mo aso! 13Meka me ho ntam sɛ wɔbɛsɛe Bosra na ayɛ ahodwiredeɛ, ahohoradeɛ ne nnomedeɛ; na ne nkuro nyinaa bɛsɛe afebɔɔ,” Awurade na ɔseɛ. 14Mate asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn:
wɔsomaa ananmusini bi sɛ ɔnkɔka nkyerɛ amanaman no sɛ,
“Mommoaboa mo ho ano nkɔto nhyɛ ne so!
Monsɔre nkɔ ɔko!”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.