Native Bible

Jeremiah 49:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na mɛma Esau ada adagya. Mɛda ne hintabea ahodoɔ adi, sɛdeɛ ɔrentumi mfa ne ho nsuma. Ne mma, nʼabusuafoɔ ne ne mfɛfoɔ bɛwuwu, na wɔrenhunu no bio.

Jeremiah 49:10 in English

Jeremiah 49:10 · Berean Standard Bible

But I will strip Esau bare; I will uncover his hiding places, and he will be unable to conceal himself. His descendants will be destroyed along with his relatives and neighbors, and he will be no more.

Context

8Monnane mo ho na monnwane monkɔtetɛ abodan a emu dɔ mu, mo a motete Dedan, ɛfiri sɛ, mede amanehunu bɛba Esau so wɔ ɛberɛ a mɛtwe nʼaso no. 9Sɛ wɔn a wɔtete bobe no baa mo nkyɛn a anka wɔrennya bobe no kakra? Sɛ akorɔmfoɔ baa ɔdasuo mu a, anka wɔrenwia deɛ wɔpɛ nko ara? 10Na mɛma Esau ada adagya. Mɛda ne hintabea ahodoɔ adi, sɛdeɛ ɔrentumi mfa ne ho nsuma. Ne mma, nʼabusuafoɔ ne ne mfɛfoɔ bɛwuwu, na wɔrenhunu no bio. 11‘Monnya mo nwisiaa, na mɛbɔ wɔn nkwa ho ban. Mo akunafoɔ nso bɛtumi de wɔn ho ato me so.’ ” 12Deɛ Awurade seɛ nie: “Sɛ wɔtwe wɔn a wɔmfata sɛ wɔtwe wɔn aso mpo a, ɛnneɛ adɛn enti na ɛnsɛ sɛ wɔtwe mo aso? Wɔbɛtwe mo aso!

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.