Yeremia 49:11
Jeremiah 49:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
‘Monnya mo nwisiaa, na mɛbɔ wɔn nkwa ho ban. Mo akunafoɔ nso bɛtumi de wɔn ho ato me so.’ ”
Jeremiah 49:11 in English
Jeremiah 49:11 · Berean Standard Bible
Abandon your orphans; I will preserve their lives. Let your widows trust in Me.”
Context
9Sɛ wɔn a wɔtete bobe no baa mo nkyɛn a
anka wɔrennya bobe no kakra?
Sɛ akorɔmfoɔ baa ɔdasuo mu a,
anka wɔrenwia deɛ wɔpɛ nko ara? 10Na mɛma Esau ada adagya.
Mɛda ne hintabea ahodoɔ adi,
sɛdeɛ ɔrentumi mfa ne ho nsuma.
Ne mma, nʼabusuafoɔ ne ne mfɛfoɔ bɛwuwu,
na wɔrenhunu no bio. 11‘Monnya mo nwisiaa, na mɛbɔ wɔn nkwa ho ban.
Mo akunafoɔ nso bɛtumi de wɔn ho ato me so.’ ” 12Deɛ Awurade seɛ nie: “Sɛ wɔtwe wɔn a wɔmfata sɛ wɔtwe wɔn aso mpo a, ɛnneɛ adɛn enti na ɛnsɛ sɛ wɔtwe mo aso? Wɔbɛtwe mo aso! 13Meka me ho ntam sɛ wɔbɛsɛe Bosra na ayɛ ahodwiredeɛ, ahohoradeɛ ne nnomedeɛ; na ne nkuro nyinaa bɛsɛe afebɔɔ,” Awurade na ɔseɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.