Hesekiel 32:7
Ezekiel 32:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ metwa wo firi hɔ a, mɛkata ɔsoro ani na madundum wɔn nsoromma; mede omununkum bɛkata owia ani, na ɔsrane renhyerɛn.
Ezekiel 32:7 in English
Ezekiel 32:7 · Berean Standard Bible
When I extinguish you, I will cover the heavens and darken their stars. I will cover the sun with a cloud, and the moon will not give its light.
Context
5Mɛhata wo nam wɔ mmepɔ no so
na mede wo funu ahyɛ mmɔnhwa ma. 6Mede wo mogya a ɛretene no
bɛfɔ asase no de akɔka mmepɔ no
na wonam bɛhyɛ abɔn nketewa no ma. 7Sɛ metwa wo firi hɔ a, mɛkata ɔsoro ani
na madundum wɔn nsoromma;
mede omununkum bɛkata owia ani,
na ɔsrane renhyerɛn. 8Ɔsoro nkanea a ɛhyerɛn nyinaa
mɛma aduru sum wɔ wo so;
mɛma esum aduru wʼasase, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. 9Mɛma nnipa bebree akoma atutu
ɛberɛ a mede wo sɛeɛ aba aman no mu,
nsase a wonnya nhunuiɛ mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.