Native Bible

Ezekiel 32:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mɛma nnipa bebree akoma atutu ɛberɛ a mede wo sɛeɛ aba aman no mu, nsase a wonnya nhunuiɛ mu.

Ezekiel 32:9 in English

Ezekiel 32:9 · Berean Standard Bible

‘I will trouble the hearts of many peoples, when I bring about your destruction among the nations, in countries * you do not know.

Context

7Sɛ metwa wo firi hɔ a, mɛkata ɔsoro ani na madundum wɔn nsoromma; mede omununkum bɛkata owia ani, na ɔsrane renhyerɛn. 8Ɔsoro nkanea a ɛhyerɛn nyinaa mɛma aduru sum wɔ wo so; mɛma esum aduru wʼasase, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. 9Mɛma nnipa bebree akoma atutu ɛberɛ a mede wo sɛeɛ aba aman no mu, nsase a wonnya nhunuiɛ mu. 10Mɛma nnipa bebree ho adwiri wɔn wɔ wo ho, wo enti, ehu bɛma wɔn ahene ho apopo ɛberɛ a merehim mʼakofena wɔ wɔn anim. Ɛda a wobɛhwe ase no wɔn mu biara ho bɛwoso berɛ nyinaa mu wɔ wɔn nkwa enti. 11“ ‘Na sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Babiloniahene akofena bɛsɔre wo so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.