Native Bible

Ezekiel 32:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“ ‘Na sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Babiloniahene akofena bɛsɔre wo so.

Ezekiel 32:11 in English

Ezekiel 32:11 · Berean Standard Bible

For this is what the Lord GOD says: ‘The sword of the king of Babylon will come against you!

Context

9Mɛma nnipa bebree akoma atutu ɛberɛ a mede wo sɛeɛ aba aman no mu, nsase a wonnya nhunuiɛ mu. 10Mɛma nnipa bebree ho adwiri wɔn wɔ wo ho, wo enti, ehu bɛma wɔn ahene ho apopo ɛberɛ a merehim mʼakofena wɔ wɔn anim. Ɛda a wobɛhwe ase no wɔn mu biara ho bɛwoso berɛ nyinaa mu wɔ wɔn nkwa enti. 11“ ‘Na sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Babiloniahene akofena bɛsɔre wo so. 12Mɛma wo nipadɔm no atotɔ wɔ nnɔmmarima akofena ano, wɔ aman a wɔyɛ tutugyagu mu. Wɔbɛsɛe Misraim ahomasoɔ pasaa na ne nipadɔm no nyinaa bɛdi nkoguo. 13Mɛkunkum nʼanantwie nyinaa afiri nsuo bebree no ho na nnipa nan rentiatia mu bio na anantwie nan nso renhono no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.