Hesekiel 32:10
Ezekiel 32:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mɛma nnipa bebree ho adwiri wɔn wɔ wo ho, wo enti, ehu bɛma wɔn ahene ho apopo ɛberɛ a merehim mʼakofena wɔ wɔn anim. Ɛda a wobɛhwe ase no wɔn mu biara ho bɛwoso berɛ nyinaa mu wɔ wɔn nkwa enti.
Ezekiel 32:10 in English
Ezekiel 32:10 · Berean Standard Bible
I will cause many peoples to be appalled over you, and their kings will shudder in horror because of you when I brandish My sword before them. On the day of your downfall each of them will tremble every moment for his life.’
Context
8Ɔsoro nkanea a ɛhyerɛn nyinaa
mɛma aduru sum wɔ wo so;
mɛma esum aduru wʼasase, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. 9Mɛma nnipa bebree akoma atutu
ɛberɛ a mede wo sɛeɛ aba aman no mu,
nsase a wonnya nhunuiɛ mu. 10Mɛma nnipa bebree ho adwiri wɔn wɔ wo ho,
wo enti, ehu bɛma wɔn ahene ho apopo
ɛberɛ a merehim mʼakofena wɔ wɔn anim.
Ɛda a wobɛhwe ase no
wɔn mu biara ho bɛwoso
berɛ nyinaa mu wɔ wɔn nkwa enti. 11“ ‘Na sei na Otumfoɔ Awurade seɛ:
“ ‘Babiloniahene akofena
bɛsɔre wo so. 12Mɛma wo nipadɔm no atotɔ
wɔ nnɔmmarima akofena ano,
wɔ aman a wɔyɛ tutugyagu mu.
Wɔbɛsɛe Misraim ahomasoɔ pasaa
na ne nipadɔm no nyinaa bɛdi nkoguo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.