Native Bible

Ezekiel 32:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔsoro nkanea a ɛhyerɛn nyinaa mɛma aduru sum wɔ wo so; mɛma esum aduru wʼasase, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.

Ezekiel 32:8 in English

Ezekiel 32:8 · Berean Standard Bible

All the shining lights in the heavens I will darken over you, and I will bring darkness upon your land,’ declares the Lord GOD.

Context

6Mede wo mogya a ɛretene no bɛfɔ asase no de akɔka mmepɔ no na wonam bɛhyɛ abɔn nketewa no ma. 7Sɛ metwa wo firi hɔ a, mɛkata ɔsoro ani na madundum wɔn nsoromma; mede omununkum bɛkata owia ani, na ɔsrane renhyerɛn. 8Ɔsoro nkanea a ɛhyerɛn nyinaa mɛma aduru sum wɔ wo so; mɛma esum aduru wʼasase, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. 9Mɛma nnipa bebree akoma atutu ɛberɛ a mede wo sɛeɛ aba aman no mu, nsase a wonnya nhunuiɛ mu. 10Mɛma nnipa bebree ho adwiri wɔn wɔ wo ho, wo enti, ehu bɛma wɔn ahene ho apopo ɛberɛ a merehim mʼakofena wɔ wɔn anim. Ɛda a wobɛhwe ase no wɔn mu biara ho bɛwoso berɛ nyinaa mu wɔ wɔn nkwa enti.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.