Native Bible

Ezekiel 32:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mede wo mogya a ɛretene no bɛfɔ asase no de akɔka mmepɔ no na wonam bɛhyɛ abɔn nketewa no ma.

Ezekiel 32:6 in English

Ezekiel 32:6 · Berean Standard Bible

I will drench the land with the flow of your blood, all the way to the mountains— the ravines will be filled.

Context

4Mɛto wo atwene asase no so na mahuri wo ato ɛserɛ so. Mɛma ewiem nnomaa nyinaa abɛsisi wo so na asase so mmoa nyinaa adi wo nam ɔherɛ so. 5Mɛhata wo nam wɔ mmepɔ no so na mede wo funu ahyɛ mmɔnhwa ma. 6Mede wo mogya a ɛretene no bɛfɔ asase no de akɔka mmepɔ no na wonam bɛhyɛ abɔn nketewa no ma. 7Sɛ metwa wo firi hɔ a, mɛkata ɔsoro ani na madundum wɔn nsoromma; mede omununkum bɛkata owia ani, na ɔsrane renhyerɛn. 8Ɔsoro nkanea a ɛhyerɛn nyinaa mɛma aduru sum wɔ wo so; mɛma esum aduru wʼasase, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.