Hesekiel 32:5
Ezekiel 32:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mɛhata wo nam wɔ mmepɔ no so na mede wo funu ahyɛ mmɔnhwa ma.
Ezekiel 32:5 in English
Ezekiel 32:5 · Berean Standard Bible
I will put your flesh on the mountains and fill the valleys with your remains.*
Context
3“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:
“ ‘Mede nipadɔm bɛba
abɛto mʼasau agu wo so,
na wɔbɛtwe wo afiri mʼasau mu. 4Mɛto wo atwene asase no so
na mahuri wo ato ɛserɛ so.
Mɛma ewiem nnomaa nyinaa abɛsisi wo so
na asase so mmoa nyinaa adi wo nam ɔherɛ so. 5Mɛhata wo nam wɔ mmepɔ no so
na mede wo funu ahyɛ mmɔnhwa ma. 6Mede wo mogya a ɛretene no
bɛfɔ asase no de akɔka mmepɔ no
na wonam bɛhyɛ abɔn nketewa no ma. 7Sɛ metwa wo firi hɔ a, mɛkata ɔsoro ani
na madundum wɔn nsoromma;
mede omununkum bɛkata owia ani,
na ɔsrane renhyerɛn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.