Hesekiel 21:15
Ezekiel 21:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛbɛma akoma nyinaa aboto na atɔfoɔ adɔɔso, mede akunkumakunkum akofena no asisi wɔn apono nyinaa ano. Ao! Wɔayɛ no sɛ ɛntwa yerɛ yerɛ sɛ anyinam wɔaso mu ama akumkumakumkum.
Ezekiel 21:15 in English
Ezekiel 21:15 · Berean Standard Bible
So that their hearts may melt and many may stumble, I have appointed at all their gates a sword for slaughter. Yes, it is ready to flash like lightning; it is drawn for slaughter.
Context
13“ ‘Sɔhwɛ bɛba ampa ara. Na sɛ Yuda ahempoma a akofena no mfa no nyɛ hwee no nni hɔ a, ɛdeɛn na wɔbɛyɛ? Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ 14“Enti onipa ba, hyɛ nkɔm
na bɔ wo nsam.
Ma akofena no ntwitwa mprenu
mpo mprɛnsa.
Ɛyɛ akumakunkum akofena,
akumakunkum kɛseɛ no akofena,
a ɛba wɔn so firi afanan nyinaa. 15Ɛbɛma akoma nyinaa aboto
na atɔfoɔ adɔɔso,
mede akunkumakunkum akofena no asisi
wɔn apono nyinaa ano.
Ao! Wɔayɛ no sɛ ɛntwa yerɛ yerɛ sɛ anyinam
wɔaso mu ama akumkumakumkum. 16Ao akofena, twa kɔ nifa,
na twa kɔ benkum,
deɛ wo dadeɛ bɛfa biara. 17Me nso, mɛbɔ me nsam,
na mʼabufuhyeɛ ano bɛdwo
Me Awurade na makasa no.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.